31 Na pia mu pia kwan no, ɔde nku dua na ɛyɛɛ n’apon, n’adum a ɛwowɔ nkyɛnkyɛn ne n’apongua, abupɛn anum mu baako. 32 Ɔde nku dua na ɛyɛɛ n’apon abien no, na ɔyeyɛɛ kerubim, mmedua, ne nhwiren wɔ ho, na ɔde sika kɔkɔɔ faa ho; ɔde hamma boroo sika kɔkɔɔ no guu kerubim ne mmedua no ho.