-
1 Ahene 6:33-35Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
33 Asɔredan* no kwan no, saa ara na ɔde nku dua yɛɛ n’apongua no, abupɛn anan mu baako.* 34 Ɔde ɔpopaw nnua yɛɛ apon abien. Ɔpon baako bɔ ho abien, na ade hyɛ mu a ɛma wutumi bu to so, na ɔpon a aka no nso bɔ ho abien, na ade hyɛ mu a ɛma wutumi bu to so.+ 35 Ɔyeyɛɛ kerubim, mmedua, ne nhwiren wɔ ho, na ɔde sika kɔkɔɔ faa ho.
-