17 Munntie wɔn. Monsom Babilon hene, na mobɛkɔ so atena nkwa mu.+ Adɛn nti na ɛsɛ sɛ kurow yi dan amamfo? 18 Na sɛ wɔyɛ adiyifo ampa, na sɛ Yehowa asɛm na wɔka a, ɛnde momma wɔnsrɛ asafo Yehowa, sɛnea ɛbɛyɛ a wɔremmɛfa nneɛma a aka wɔ Yehowa fi, ne Yuda hene fi, ne Yerusalem no nkɔ Babilon.’