-
Yeremia 21:1, 2Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
21 Yehowa asɛm baa Yeremia nkyɛn bere a Ɔhene Sedekia+ somaa Malkiya ba Pasur+ ne Maaseia ba, ɔsɔfo Sefania+ baa Yeremia nkyɛn no. Wɔbɛka kyerɛɛ no sɛ: 2 “Babilon hene Nebukadnesar* ne yɛn rebɛko, enti yɛpa wo kyɛw, bisa Yehowa ma yenhu nea ɛbɛto yɛn.+ Ebia Yehowa bɛyɛ n’anwonwadwuma no bi de aboa yɛn ama wafi yɛn so akɔ.”+
-
-
Yeremia 38:14Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
14 Na ɔhene Sedekia soma kɔfaa odiyifo Yeremia baa ne nkyɛn wɔ abobow ano kwan a ɛto so abiɛsa no ano wɔ Yehowa fi hɔ. Ɛnna ɔhene ka kyerɛɛ Yeremia sɛ: “Mepɛ sɛ mibisa wo asɛm bi. Mfa biribiara nsie me.”
-
-
Yeremia 38:24Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
24 Ɛnna Sedekia ka kyerɛɛ Yeremia sɛ: “Mma obiara nnte asɛm yi ho hwee, na woanwu.
-