-
Deuteronomium 28:49-51Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
49 “Yehowa bɛma ɔman bi a wonte wɔn kasa+ afi asaase ano akyirikyiri+ abɛtow ahyɛ wo so sɛ ɔkɔre.+ 50 Ɛbɛyɛ ɔman a wɔn ani yɛ den a wonnim akwakoraa anaa abofra.+ 51 Wɔbɛwe w’ayɛmmoa mma na wɔadi w’asaase so nnɔbae nyinaa akosi sɛ wɔbɛtɔre w’ase koraa. Wɔrennyaw wo hwiit,* bobesa foforo, ngo, w’anantwi mma anaa wo nguan mma kosi sɛ wɔbɛsɛe wo.+
-