-
1 Ahene 3:10-13Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
10 Nea Solomon bisae no, Yehowa ani gyee ho.+ 11 Ɛnna Onyankopɔn ka kyerɛɛ no sɛ: “Sɛ́ woabisa eyi, na woammisa nkwa tenten,* ahonyade, anaa w’atamfo nkwa,* na woabisa nhumu a wode bebu atɛn nti,+ 12 mɛyɛ w’abisade no ama wo.+ Mɛma wo nyansa ne ntease koma;+ wɔn a wodii w’anim no, obiara nnyaa bi saa da, na w’akyi nso, obiara rento wo.+ 13 Afei ahonyade ne anuonyam a woammisa nso, mede bɛka ho ama wo,+ na ɔhene biara nni hɔ a wo nkwa nna nyinaa* mu no, ɔbɛto wo.+
-