1 Ahene 6:37, 38 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 37 Wɔtoo Yehowa fi no fapem wɔ afe a ɛto so anan no mu, Siw* bosome no mu;+ 38 afe a ɛto so 11, Bul* a ɛyɛ bosome a ɛto so awotwe mu no, wowiee ofi no ho adwuma nyinaa sɛnea ofi no ho plan te.+ Enti ɔde mfe ason na esi wiei. 1 Ahene 7:1 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 7 Na Solomon ankasa fi* nso, mfe 13 na ɔde si yɛɛ ho biribiara.+ 1 Ahene 9:10 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 10 Solomon de mfe 20 na esii afi abien no, Yehowa fi ne ahemfi* no.+
37 Wɔtoo Yehowa fi no fapem wɔ afe a ɛto so anan no mu, Siw* bosome no mu;+ 38 afe a ɛto so 11, Bul* a ɛyɛ bosome a ɛto so awotwe mu no, wowiee ofi no ho adwuma nyinaa sɛnea ofi no ho plan te.+ Enti ɔde mfe ason na esi wiei.