-
1 Ahene 9:20-23Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
20 Nnipa a wɔaka a wofi Amorifo, Hitifo, Perisifo, Hiwifo, ne Yebusifo+ mu a wɔnyɛ Israelfo no,+ 21 wɔn mma a wɔkaa asaase no so a Israelfo antumi ansɛe wɔn no, Solomon de wɔn yɛɛ nkoadwuma, na wɔayɛ nkoa de abesi nnɛ.+ 22 Israelfo de, Solomon amfa obiara anyɛ akoa amma wanyɛ adwuma amma no;+ mmom na wɔyɛ n’asraafo, n’asomfo, ne mpanyimfo, ne wɔn a wɔhwɛ ne nteaseɛnam ne ne nkurɔfo a wɔtete apɔnkɔ so. 23 Ná Solomon wɔ mpanyimfo so akunini 550; wɔn na na wɔdeda adwumayɛfo no ano.+
-