-
1 Ahene 12:5-7Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
5 Ɛnna ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monkɔ, na edi nnansa a, monsan mmra.” Enti nkurɔfo no fii n’anim kɔe.+ 6 Afei Ɔhene Rehoboam ne mpanyimfo a ne papa Solomon te ase no na wɔsom no no kotuu agyina sɛ: “Afotu bɛn na mowɔ ma me na minhu nea mɛka akyerɛ nkurɔfo no?” 7 Ɛnna wɔka kyerɛɛ no sɛ: “Sɛ ɛnnɛ wopene so sɛ wobɛsom nkurɔfo yi ayɛ wɔn abisade ama wɔn, na woka asɛmpa kyerɛ wɔn a, ɛnde wɔbɛsom wo daa.”
-