30 Nanso Hesbon hene Sihon amma yɛamfa n’asaase so, efisɛ Yehowa mo Nyankopɔn maa kwan ma osen ne kɔn+ na opirim ne koma, na ama ɔde no ahyɛ mo nsa sɛnea nnɛ mo ani tua yi.+
14 Ɛnna Absalom ne Israel mmarima nyinaa kae sɛ: “Husai a ɔyɛ Arkini no afotu no ye sen Ahitofel afotu no!”+ Ná Ahitofel afotu no ye, nanso Yehowa na ɔhwɛ ma* wɔsɛee afotu no+ sɛnea ɛbɛyɛ a Yehowa de mmusu bɛba Absalom so.+