-
1 Ahene 11:29-31Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
29 Saa bere no ara mu na Yeroboam pue fii Yerusalem, na Siloni Ahiya+ a ɔyɛ odiyifo no hyiaa no wɔ kwan so; ná Ahiya hyɛ ataade foforo, na na obiara nka wɔn baanu ho wɔ wuram hɔ. 30 Ɛnna Ahiya soo ataade foforo a ɛhyɛ no no mu, na osunsuan mu asinasin 12. 31 Na ɔka kyerɛɛ Yeroboam sɛ:
“Yi asinasin du na fa, na nea Yehowa, Israel Nyankopɔn aka ni, ‘Mehwim ahenni no afi Solomon nsam, na mede mmusuakuw du bɛma wo.+
-