-
Exodus 38:1, 2Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
38 Ɔde ɔkanto dua yɛɛ afɔremuka a wɔbɛbɔ ɔhyew afɔre wɔ so. N’afã anan nyinaa ɔyɛɛ no pɛpɛɛpɛ; ne tenten yɛ basafa* anum, ne tɛtrɛtɛ yɛ basafa anum. Efi soro besi fam nso, ɔyɛɛ no basafa abiɛsa.+ 2 Afei ɔyɛɛ mmɛn wɔ ntwea anan no so. Ɔyɛɛ afɔremuka ne mmɛn no nyinaa boom. Owiei no, ɔde kɔbere faa afɔremuka no ho.+
-