-
Deuteronomium 4:41-43Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
41 Saa bere no, Mose yii nkurow abiɛsa wɔ Yordan apuei fam.+ 42 Saa nkurow yi baako mu na sɛ obi nsa pa na okum ne yɔnko na ɔnyɛ obi a ɔtan no dedaw a,+ ɛsɛ sɛ oguan kɔ, na wanya nkwa.+ 43 Nkurow no ni: Beser+ a ɛwɔ sare so a ɛda bepɔw so asaase tratraa so no, ɔde maa Rubenfo; Ramot+ a ɛwɔ Gilead no, ɔde maa Gadfo; ɛnna Golan+ a ɛwɔ Basan no nso ɔde maa Manasefo.+
-