-
1 Ahene 22:7, 8Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
7 Ɛnna Yehosafat bisae sɛ: “Yehowa diyifo biara nni ha anaa? Yɛmma ɔno nso mmisa mma yɛn.”+ 8 Na Israel hene ka kyerɛɛ Yehosafat sɛ: “Ɔbaako da so wɔ hɔ a yebetumi ama ɔno nso abisa Yehowa anom asɛm ama yɛn,+ nanso mempɛ n’asɛm koraa+ efisɛ ɔnhyɛɛ me ho nkɔm pa biara da; me ho nkɔm bɔne nko ara na ɔhyɛ.+ Ɔno ne Yimla ba Mikaia.” Nanso Yehosafat ka kyerɛɛ no sɛ: “Mma ɔhene nnka saa.”
-