7 Na Israel hene ka kyerɛɛ Yehosafat sɛ: “Ɔbaako da so wɔ hɔ+ a yebetumi ama ɔno nso abisa Yehowa anom asɛm ama yɛn, nanso mempɛ n’asɛm koraa efisɛ ɔnhyɛɛ me ho nkɔm pa biara da; me ho nkɔm bɔne nko ara na daa ɔhyɛ.+ Ɔno ne Yimla ba Mikaia.” Nanso Yehosafat ka kyerɛɛ no sɛ: “Mma ɔhene nnka saa.”