-
1 Ahene 22:34, 35Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
34 Na ɔbarima bi tow n’agyan, na ɛfom* kɔwɔɔ Israel hene wɔ ne dade ataade no mpamee so. Enti ɔhene no ka kyerɛɛ nea ɔreka teaseɛnam no sɛ: “Dan wo ho na fa me fi akono ha* kɔ, na wɔapira me pira bɔne.”+ 35 Ɔko no kɔɔ so da mu no nyinaa, na wosusoo ɔhene mu gyinaa teaseɛnam no mu de n’ani kyerɛɛ Siriafo no; mogya a ɛrenwini no no guu teaseɛnam no mu, na eduu anwummere no na wawu.+
-