5 Afei ɔkɔɔ ne papa fi wɔ Ofra,+ na okokunkum ne nuanom,+ Yerubaal mma mmarima 70 no wɔ ɔbo baako so. Ɛkaa Yerubaal ba kumaa Yotam nko ara, efisɛ ɔde ne ho siei.
6 Enti Sekem mpanyimfo nyinaa ne Bet-Milofo nyinaa hyiae, na wosii Abimelek hene+ wɔ dua kɛse no ho wɔ edum a esi Sekem no nkyɛn.