-
2 Beresosɛm 24:24, 25Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
24 Asraafo kakraa bi na Siriafo de wɔn bae, nanso Yehowa de asraafodɔm kɛse hyɛɛ wɔn nsa+ efisɛ na ɔman no agyaw wɔn agyanom Nyankopɔn Yehowa. Wɔde* atemmu baa Yehoas so. 25 Bere a wofi ne nkyɛn kɔe no (ná wɔapira no paa*), ɔsɔfo Yehoiada mma* no mogya a ohwie gui nti,+ ɔno ara ne nkoa bɔɔ ne ho pɔw na wokum no wɔ ne mpa so.+ Owui no, wosiee no wɔ Dawid Kurow mu,+ nanso wɔansie no ahemfo amusiei hɔ.+
-