Exodus 26:1 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 26 “Nwene ntama du fa yɛ ɔsom ntamadan+ no. Nneɛma a wode bɛyɛ saa ntama du no ne hama papa a wɔde yɛ nwera, hama bruu, hama afasebiri, ne hama kɔkɔɔ. Ma wɔnnwene kerubim+ wɔ ntama no biara mu. 1 Ahene 6:29 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 29 Ɔyeyɛɛ kerubim,+ mmedua,+ ne nhwiren+ guu asɔredan no afasu ho wɔ pia no mu,* na ɔyɛɛ bi nso wɔ pia mu pia no mu.
26 “Nwene ntama du fa yɛ ɔsom ntamadan+ no. Nneɛma a wode bɛyɛ saa ntama du no ne hama papa a wɔde yɛ nwera, hama bruu, hama afasebiri, ne hama kɔkɔɔ. Ma wɔnnwene kerubim+ wɔ ntama no biara mu.
29 Ɔyeyɛɛ kerubim,+ mmedua,+ ne nhwiren+ guu asɔredan no afasu ho wɔ pia no mu,* na ɔyɛɛ bi nso wɔ pia mu pia no mu.