-
1 Ahene 3:5-9Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
5 Bere a Solomon wɔ Gibeon no, Yehowa yii ne ho adi kyerɛɛ no wɔ dae mu anadwo; Onyankopɔn ka kyerɛɛ no sɛ: “Bisa me nea menyɛ mma wo.”+ 6 Ɛnna Solomon kae sɛ: “Woada ɔdɔ kɛse a enni huammɔ adi akyerɛ me papa, w’akoa Dawid; ɔde nokwaredi ne trenee ne koma a edi mu nantew w’anim. Woakɔ so ada ɔdɔ kɛse a enni huammɔ yi adi akyerɛ no abesi nnɛ; woama wanya ɔba ama wabɛtena n’ahengua so.+ 7 Na afei Yehowa me Nyankopɔn, minnyinii* koraa na minni osuahu,*+ nanso woasi w’akoa hene de me asi me papa Dawid ananmu. 8 Wo man a woapaw wɔn+ no yɛ ɔman a wɔn dodow nti, wontumi nkan wɔn na wontumi mmu wɔn ano, na w’akoa na ɔda wɔn ano. 9 Enti ma w’akoa ahobrɛase koma a ɔde behu papa ne bɔne+ na ɔde abu wo man atɛn,+ efisɛ wo man a wɔdɔɔso* yi de, hena na obetumi abu wɔn atɛn?”
-