-
1 Ahene 7:15-22Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
15 Oguu kɔbere adum abien no;+ adum no biara tenten yɛ basafa 18, na hama basafa 12 na etumi twa adum no biara ho hyia.+ 16 Ɔde kɔbere yɛɛ ntaaso abien sisii adum no so. Ntaaso no baako tenten yɛ basafa anum, na ntaaso baako no nso tenten yɛ basafa anum. 17 Adum no ntaaso no biara, wɔanwene atena ne nkɔnsɔnkɔnsɔn afa ho;+ ason wɔ ntaaso baako ho, na ason nso wɔ ntaaso baako no ho. 18 Na atena a ɛkata adum no ntaaso ho no, ɔde granate akutu* yeyɛɛ nhankare abien sesãã so wɔ ho hyiae; saa na ɔyɛe wɔ adum abien no nyinaa ntaaso ho. 19 Adum a ɛwɔ abantenten no anim no, ɔyɛɛ ne ntaaso sɛ sukooko, basafa anan. 20 Ntaaso no, na ɛwɔ adum abien no apɔw so; ɛhɔ na na atena no wowɔ. Ná granate akutu 200 a ɛsesã so nso atwa ntaaso no biara ho ahyia.+
21 Ɔde adum no sisii asɔredan* abantenten+ no anim. Ɔde baako sii nifa so* na ɔtoo no din Yakin,* ɛnna ɔde baako sii benkum so* na ɔtoo no din Boas.*+ 22 Adum no soro no, ɔyɛɛ no sɛ sukooko. Na owiee adum no ho adwuma nyinaa.
-
-
2 Beresosɛm 4:11-13Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
11 Hiram san yɛɛ ade a wɔde sesaw nsõ ne sofi ne nkankyee no.+
Enti Hiram wiee adwuma a ɔyɛ maa Ɔhene Solomon wɔ nokware Nyankopɔn no fi ho+ no: 12 Ɔyɛɛ adum abien+ ne ntaaso nkuruwankuruwa a esi adum abien no so, ne atena abien+ a ɛkata adum no ntaaso nkuruwankuruwa abien no ho; 13 ɛne atena abien no ho granate akutu* 400+ no, atena no biara ho granate akutu no sa so abien, ebi wɔ soro na ebi wɔ fam, na ɛkataa adum no ntaaso nkuruwankuruwa abien no ho;+
-
-
Yeremia 52:22, 23Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
22 Adum no ntaaso no, kɔbere na wɔde yɛe; ntaaso no baako tenten yɛ basafa anum;+ atena ne granate akutu* a etwa ntaaso no ho hyia no, kɔbere na wɔde yɛɛ ne nyinaa. Edum a ɛto so abien no nso, saa ara na na ɛte, ɛne granate akutu no nyinaa. 23 Ná granate akutu a ɛwowɔ ho no yɛ 96; wɔka ne nyinaa bom a, granate akutu 100 na na atwa atena no ho ahyia.+
-