-
2 Ahene 16:5, 6Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
5 Saa bere no mu na Siria hene Resin ne Remalia ba Peka a ɔyɛ Israel hene no bae sɛ wɔne Yerusalem rebɛko,+ na wɔkaa Ahas hyɛɛ mu, nanso wɔantumi amfa kurow no. 6 Saa bere no ara nso na Siria hene Resin san gyee Elat+ maa Edomfo, na ɔpam Yudafo no fii Elat maa Edomfo no kɔɔ hɔ, na wɔatena hɔ abesi nnɛ.
-