14 Lewifo no gyaw wɔn nsaase a mmoa didi so ne wɔn agyapade,+ na wɔbaa Yuda ne Yerusalem, efisɛ na Yeroboam ne ne mma apam wɔn sɛ ɛnsɛ sɛ wɔyɛ Yehowa asɔfo bio.+
16 Na wɔn a wɔde wɔn koma mae sɛ wɔbɛhwehwɛ Yehowa, Israel Nyankopɔn no fi Israel mmusuakuw nyinaa mu dii wɔn akyi baa Yerusalem sɛ wɔrebɛbɔ afɔre ama Yehowa, wɔn agyanom Nyankopɔn.+