-
2 Beresosɛm 36:22, 23Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
22 Persia hene Kores+ afe a edi kan mu no, sɛnea ɛbɛyɛ a Yehowa asɛm a ɔnam Yeremia+ so kae no bɛba mu nti, Yehowa kanyan Persia hene Kores* ma ɔbɔɔ dawuru wɔ n’ahenni nyinaa mu, na ɔsan kyerɛwee+ sɛ: 23 “Sɛnea Persia hene Kores se ni, ‘Yehowa, ɔsoro Nyankopɔn no, de asaase so ahenni nyinaa ama me,+ na waka akyerɛ me sɛ minsi ofi mma no wɔ Yerusalem a ɛwɔ Yuda.+ Obiara a ɔka mo ho a ɔsom no no, ne Nyankopɔn Yehowa nni n’akyi. Ma ɔmforo nkɔ.’”+
-
-
Esra 6:3, 4Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
3 “Ɔhene Kores afe a edi kan mu no, Ɔhene Kores hyɛɛ mmara wɔ Onyankopɔn fi a ɛwɔ Yerusalem+ no ho sɛ: ‘Wɔnsan nsi ofi no ma ɛnyɛ baabi a wɔbɔ afɔre. Ne tenten nyɛ basafa 60* na ne tɛtrɛtɛ nso nyɛ basafa 60; wɔnto ne fapem no yiye.+ 4 Wɔmfa abo akɛse a ɛdeda so abiɛsa abiɛsa ntoa fapem no so, na wɔmfa nnua ntoa so;+ ɛho sika nyinaa, wonnye mfi ɔhene fi.+
-