9 Yehowa aniwa kyini asaase so baabiara+ sɛ ɔde n’ahoɔden bedi ama* wɔn a wɔn koma di mu wɔ ne ho.+ Nea woayɛ yi de, woadi nkwaseasɛm, na efi nnɛ rekɔ, akodi bɛba wo so.”+
6 Esra yi fi Babilon na ɔbae. Ná ɔyɛ ɔkyerɛwfo,* na Mose Mmara+ a Israel Nyankopɔn Yehowa de maa ne nkurɔfo no, na onim no yiye.* Ɔhene no maa no n’abisade nyinaa, efisɛ na ne Nyankopɔn Yehowa nsa wɔ no so.
28 Wayi ɔdɔ a enni huammɔ adi akyerɛ me wɔ ɔhene+ ne n’agyinatufo,+ ne ɔhene mpanyimfo nyinaa anim. Na me nso, Yehowa me Nyankopɔn nsa a ɛwɔ me so nti, minyaa akokoduru,* na meboaboaa Israel atitiriw ano sɛ wɔne me nkɔ.
6 Afei ɔka kyerɛɛ me sɛ: “Yehowa asɛm a ɔreka akyerɛ Serubabel ni: ‘“Ɛnyɛ asraafodɔm anaa nnipa ahoɔden,+ na mmom me honhom na menam so bɛyɛ eyinom nyinaa,”+ asafo Yehowa asɛm ni.