15 Meboaa wɔn ano wɔ asubɔnten a ɛsen ba Ahawa no ho,+ na yɛtenaa hɔ nnansa. Nanso bere a mehwehwɛɛ nkurɔfo no ne asɔfo no mu no, manhu Lewini biara wɔ wɔn mu.
21 Ɛnna mekae sɛ yɛnyɛ akɔnkyen* wɔ Asubɔnten Ahawa ho, na yɛmmrɛ yɛn ho ase yɛn Nyankopɔn anim, na yɛnhwehwɛ ne hɔ akwankyerɛ a yɛde betu kwan no; ne sɛnea yɛbɛhwɛ yɛn ho ne yɛn mma ne yɛn nneɛma nyinaa so.