-
Exodus 34:15, 16Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
15 Hwɛ yiye na wo ne nnipa a wɔwɔ asaase no so anyɛ apam, efisɛ sɛ wɔne wɔn anyame bɔ aguaman na wɔbɔ afɔre ma wɔn anyame a,+ obi bɛfrɛ wo ama woakodi wɔn abosonnuan no bi.+ 16 Ɛba saa a, sɛnea ɛte biara wobɛma wɔn mma mmea aware wo mma mmarima,+ na sɛ wɔn mma mmea no ne wɔn anyame bɔ aguaman a, wɔbɛma wo mma mmarima no nso ne wɔn anyame abɔ aguaman.+
-