36 Hwɛ! Yɛn na ɛnnɛ yɛayɛ nkoa yi!+ Yɛayɛ nkoa wɔ asaase a wode maa yɛn agyanom sɛ wonni so aba ne emu nneɛma pa no so. 37 Yɛn bɔne nti nnɔbae pii a ɛsow no, ahemfo a wode wɔn asisi yɛn so no hɔ na ɛkɔ.+ Wɔredi yɛn nipadua ne yɛn nyɛmmoa so sɛnea wɔpɛ; yɛakɔ ahohia kɛse mu.