-
Esra 1:1-3Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
1 Persia hene Kores+ afe a edi kan mu no, sɛnea ɛbɛyɛ a Yehowa asɛm a ɔnam Yeremia so kae no+ bɛba mu nti, Yehowa kanyan Persia hene Kores* ma ɔbɔɔ dawuru wɔ n’ahenni nyinaa mu, na ɔsan kyerɛwee+ sɛ:
2 “Sɛnea Persia hene Kores se ni, ‘Yehowa, ɔsoro Nyankopɔn no, de asaase so ahenni nyinaa ama me,+ na waka akyerɛ me sɛ minsi ofi mma no wɔ Yerusalem+ a ɛwɔ Yuda. 3 Obiara a ɔka mo ho a ɔsom no no, ne Nyankopɔn nni n’akyi. Ma ɔmforo nkɔ Yerusalem a ɛwɔ Yuda, na ɔnsan nkosi Yehowa, Israel Nyankopɔn fi a na ɛwɔ Yerusalem no.* Ɔno ne nokware Nyankopɔn no.
-