19 Bere a Sanbalat a ofi Horonaim, ahemfi panyin* Tobia+ a ofi Ammon,+ ne Gesem a ofi Arabia+ tee no, wodii yɛn ho fɛw,+ na wobuu yɛn animtiaa kae sɛ: “Dɛn na moreyɛ yi? Ɔhene na moretew ne so atua yi?”+
7 Bere a Sanbalat ne Tobia+ ne Arabiafo,+ Ammonfo, ne Asdodfo+ tee sɛ Yerusalem afasu a wɔresiesie no renya nkɔso na akwan a ɛdeda mu no, wɔafi ase rekeka si anim no, wɔn bo fuwii paa.