-
Esra 4:14, 15Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
14 Na esiane sɛ w’ahemfi na yedi nkyene* nti, yɛrentumi nhwɛ mma nea ɛsɛ ɔhene mmɔ no, enti na yɛasoma sɛ wɔmmɛka nkyerɛ ɔhene no. 15 Enti ma wɔnhwehwɛ w’agyanom kyerɛwtohɔ+ mu, na wubehu wɔ mu sɛ saa kurow no yɛ atuatewfo kurow a ɛsɛ sɛ ahemfo ne amantam hwɛ wɔn yiye paa, na efi tete na emu nnipa apiapia nkurɔfo ama wɔatew atua. Ɛno nti na wɔsɛee kurow no.+
-