33 Eyinom ne nnwontofo no, Lewifo agyanom abusuafi mpanyimfo a wɔyɛɛ adwuma wɔ adekora adan* no mu; wɔanyɛ nnwuma foforo biara, efisɛ na ɛyɛ wɔn asɛde sɛ wɔyɛ wɔn adwuma no awia ne anadwo.
2Nnipa a wofi ɔmantam no mu a Babilon hene Nebukadnesar faa wɔn kɔɔ Babilon no,+ eyinom na akyiri yi wɔsan baa Yerusalem ne Yuda maa obiara kɔɔ ne kurom;+