-
Esra 2:59-63Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
59 Eyinom nso na wofi Tel-Mela, Tel-Harsa, Kerub, Adon, ne Imer san bae a wɔantumi ankyerɛ sɛ wɔyɛ Israelfo anaa wɔnyɛ bi, efisɛ wɔantumi ankyerɛ wɔn agyanom fi ne mmusua a wofi mu:+ 60 Delaia mma, Tobia mma, Nekoda mma, 652. 61 Wɔn mu asɔfo mma ni: Habaia mma, Hakos+ mma, Basilai mma; ɔno na ɔwaree Gileadni Basilai+ mma mmea no baako na ɔfaa wɔn din no. 62 Wɔn nyinaa hwehwɛɛ kyerɛwtohɔ mu de pɛɛ mmusua a wofi mu nanso wɔanhu. Enti wobuu wɔn sɛ wɔmfata sɛ wɔyɛ asɔfo.*+ 63 Amrado* no ka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔrentumi nni ade kronkron paa+ no bi kosi sɛ ɔsɔfo bi bɛma Urim ne Tumim*+ akyerɛ.
-