-
Exodus 2:23-25Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
23 Mfe* pii akyi no, Egypt hene no wui,+ nanso nkoasom no nti, Israelfo no kɔɔ so sii apini, na wosu hwehwɛɛ ɔboafo, na wɔn sufrɛ no duu nokware Nyankopɔn no asom.+ 24 Eduu baabi no, Onyankopɔn tee wɔn apinisi+ no, na Onyankopɔn kaee apam a ɔne Abraham, Isak, ne Yakob yɛe no.+ 25 Enti Onyankopɔn hwɛɛ Israelfo no, na Onyankopɔn huu nea wɔrefa mu.
-