-
Exodus 14:19, 20Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
19 Afei nokware Nyankopɔn no bɔfo+ a na odi Israel asafo no anim no bedii wɔn akyi, na omununkum dum no nso fii wɔn anim bedii wɔn akyi.+ 20 Enti ɛbɛhyɛɛ Egyptfo dɔm ne Israel asafo no mfinimfini.+ Ɔfã baako no, na ɛyɛ omununkum tumm, na ɔfã foforo no nso maa hann anadwo no.+ Enti Egyptfo no anto Israelfo no anadwo no nyinaa.
-