-
1 Beresosɛm 9:10-13Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
10 Wɔn mu asɔfo no ni: Yedaia, Yoiarib ne Yakin,+ 11 ne Asaria a ɔyɛ Hilkia ba, Mesulam ba, Sadok ba, Meraiot ba, Ahitab ba; ná Ahitab yɛ ɔpanyin wɔ nokware Nyankopɔn no fi* hɔ; 12 wɔn mu bi nso ne Adaia a ɔyɛ Yeroham ba, Pasur ba, Malkiya ba, Masai ba, Adiel ba, Yasera ba, Mesulam ba, Mesilemit ba, Imer ba, 13 ne wɔn nuanom, wɔn agyanom abusuafi mpanyimfo; mmarima a wɔbɔ wɔn ho mmɔden 1,760 a wɔyɛ adwuma wɔ nokware Nyankopɔn no fi.
-