-
Esra 10:14, 15Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
14 Enti yɛsrɛ wo, ma yɛn mpanyimfo nnyina asafo no nyinaa ananmu;+ na kurow biara mu nnipa a wɔawareware aman foforo so mmea no, wɔmmra wɔ bere a wɔbɛhyɛ ama wɔn no mu, wɔne kurow biara mu mpanyimfo ne atemmufo no, nkosi sɛ yɛbɛma yɛn Nyankopɔn abufuhyew afi yɛn so wɔ asɛm yi ho.”
15 Nanso Asahel ba Yonatan ne Tikwa ba Yaseia ne wɔn anyɛ adwene, na Lewini Mesulam ne Lewini Sabetai+ nso ne wɔn anyɛ adwene.
-