33 Da a ɛto so anan no, yɛkarii dwetɛ ne sika kɔkɔɔ ne nneɛma a aka no wɔ yɛn Nyankopɔn fi+ de maa Uriya ba ɔsɔfo Meremot+ ne Finehas ba Eleasar a ɔka ne ho no, na na Lewini Yesua ba Yosabad+ ne Lewini Binui+ ba Noadia ka wɔn ho.
7 Na Yesua, Bani, Serebia,+ Yamin, Akub, Sabetai, Hodia, Maaseia, Kelita, Asaria, Yosabad,+ Hanan, ne Pelaia, a wɔn nyinaa yɛ Lewifo no, kyerɛkyerɛɛ Mmara no mu kyerɛɛ ɔman no.+ Saa bere no nyinaa na ɔman no gyinagyina hɔ.