Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • Esra 6:3
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 3 “Ɔhene Kores afe a edi kan mu no, Ɔhene Kores hyɛɛ mmara wɔ Onyankopɔn fi a ɛwɔ Yerusalem+ no ho sɛ: ‘Wɔnsan nsi ofi no ma ɛnyɛ baabi a wɔbɔ afɔre. Ne tenten nyɛ basafa 60* na ne tɛtrɛtɛ nso nyɛ basafa 60; wɔnto ne fapem no yiye.+

  • Esra 6:9
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 9 Na nneɛma a wohia nyinaa, anantwi mma,+ adwennini,+ ne nguan mma+ a wɔde bɛbɔ ɔhyew afɔre ama ɔsoro Nyankopɔn, ne hwiit+ ne nkyene+ ne bobesa+ ne ngo;+ nea asɔfo a wɔwɔ Yerusalem bɛka no, da biara wɔmfa mma wɔn; wonnyae da.

  • Esra 7:21-24
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 21 “Me, Ɔhene Artasasta, mahyɛ mmara sɛ sika so ahwɛfo a mowɔ Asubɔnten no* agya nyinaa, ade biara a ɔsɔfo Esra,+ ɔsoro Nyankopɔn Mmara kyerɛwfo no bebisa no, monyɛ mma no ntɛm; 22 sɛ ne dodow kosi dwetɛ dwetikɛse* 100, hwiit kor* 100, bobesa+ bat susuhina* 100, ngo+ bat susuhina 100, ne nkyene+ a ne dodow nni ano mpo a, momfa mma no. 23 Nea ɔsoro Nyankopɔn aka nyinaa, momfa ahokeka nyɛ wɔ ne fi no ho, na ɔsoro Nyankopɔn+ abufuw amma ɔhene ahenni ne ɔhene mma+ so. 24 Afei merema moahu sɛ asɔfo ne Lewifo, nnwontofo,+ apon ano ahwɛfo, asɔrefi asomfo,*+ ne Onyankopɔn fi yi adwumayɛfo nyinaa, munni ho kwan sɛ mugye wɔn hɔ ɔman tow, akwan so tow, anaa tow+ biara.

Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena