13 Na Asa ne n’agyanom kɔdae;+ owui n’ahenni afe a ɛto so 41 mu. 14 Enti ɔda kama bi a n’ankasa bɔe wɔ Dawid Kurow mu+ na wosiee no wom; wɔde no too mpa so, na na balsam ngo ne sradehuam ahorow a wɔahyɛ da afra nso ayɛ so ma.+ Afei nso, wɔsɔɔ ogya kɛse paa de yɛɛ no ayi.