5 Ná Yudani barima bi wɔ Susan*+ abankɛse* no mu a ne din de Mordekai.+ Ná ne papa ne Yair a ɔyɛ Simei ba, na na Simei nso papa ne Kis, Benyaminni+ no.
7 Mordekai na na ɔhwɛ ne papa nua barima ba Hadasa,* a wɔsan frɛ no Ester no,+ efisɛ na Ester nni papa nni maame. Ná ababaa no bɔ si, na na ne ho yɛ fɛ paa. Bere a ne maame ne ne papa wui no, Mordekai faa no sɛ ne ba.