Dwom 50:20, 21 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 20 Wotena ase kasa tia w’ankasa wo nua;+Wo maame ba mpo, wudi ne ho nseku.* 21 Bere a woyɛɛ eyinom nyinaa no, meyɛɛ dinn,Enti ɛyɛɛ wo sɛ mɛyɛ sɛ wo ara. Afei, merebɛkasa akyerɛ wo,Na mɛka nea woayɛ asi w’anim.+ Yakobo 2:9 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 9 Nanso sɛ mokɔ so yɛ animhwɛ+ a, na moreyɛ bɔne, na mmara no bu mo fɔ* sɛ moyɛ mmaratofo.+
20 Wotena ase kasa tia w’ankasa wo nua;+Wo maame ba mpo, wudi ne ho nseku.* 21 Bere a woyɛɛ eyinom nyinaa no, meyɛɛ dinn,Enti ɛyɛɛ wo sɛ mɛyɛ sɛ wo ara. Afei, merebɛkasa akyerɛ wo,Na mɛka nea woayɛ asi w’anim.+