Hiob 16:9 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 9 N’abufuw atetew me pasapasa, na ɔde me ho asɛm ahyɛ ne mu.+ Ohu me a na ne bo afuw denneennen.* Me tamfo apɔkyere n’ani hwɛ me.+ Hiob 19:11 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 11 Ne bo fuw me denneennen,Na obu me sɛ ne tamfo.+ Hiob 33:8-11 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 8 Nanso woaka ama mate;Ampa, woaka ama mate mpɛn pii sɛ, 9 ‘Me ho tew, na bɔne biara nni me ho;+Efĩ nni me ho, na mfomso biara nni me ho.+ 10 Nanso Onyankopɔn anya biribi agyina so adi atia me;Obu me sɛ ne tamfo.+ 11 Ɔde me nan bɔ nnua mu;Ɔfeefee m’akwan nyinaa mu.’+
9 N’abufuw atetew me pasapasa, na ɔde me ho asɛm ahyɛ ne mu.+ Ohu me a na ne bo afuw denneennen.* Me tamfo apɔkyere n’ani hwɛ me.+
8 Nanso woaka ama mate;Ampa, woaka ama mate mpɛn pii sɛ, 9 ‘Me ho tew, na bɔne biara nni me ho;+Efĩ nni me ho, na mfomso biara nni me ho.+ 10 Nanso Onyankopɔn anya biribi agyina so adi atia me;Obu me sɛ ne tamfo.+ 11 Ɔde me nan bɔ nnua mu;Ɔfeefee m’akwan nyinaa mu.’+