Dwom 6:6 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 6 Masi apini abrɛ;+Me nisu fɔw me mpa anadwo mũ nyinaa;Me nisu yiri fa me kɛtɛ.+ Dwom 31:9 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 9 O Yehowa, dom me, na me ho hiahia me. Awerɛhow ama m’aniwa resɛe,+ na aka me nipadua nyinaa.*+ Kwadwom 1:16 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 16 Eyinom nti na meretew nisu yi;+ nisu resen fa m’ani ase waawaa. Nea ɔbɛkyekye me werɛ na wama manya* ahomeka no wɔ akyirikyiri; ɔmmɛn me. Me mma anidaso nyinaa asa, efisɛ ɔtamfo no adi nkonim.
16 Eyinom nti na meretew nisu yi;+ nisu resen fa m’ani ase waawaa. Nea ɔbɛkyekye me werɛ na wama manya* ahomeka no wɔ akyirikyiri; ɔmmɛn me. Me mma anidaso nyinaa asa, efisɛ ɔtamfo no adi nkonim.