-
Deuteronomium 29:22, 23Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
22 “Mo mma awo ntoatoaso a wɔbɛba daakye ne ahɔho a wofi akyirikyiri asaase so nyinaa behu ɔhaw ne nyarewa a Yehowa de aba asaase no so no. 23 Wobehu sɛ sɔfe* ne nkyene ne ɔhyew asɛe asaase no nyinaa na obiara ntumi nnua ade wɔ so, na aba anaa afifide biara ntumi mfifi wɔ so, na ayɛ sɛ Sodom ne Gomora,+ Adma ne Seboiim+ a Yehowa de abufuw sɛee no no.
-