Deuteronomium 19:14 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 14 “Sɛ wunya kɔtena asaase a Yehowa wo Nyankopɔn de rema wo no so, na wo nsa ka w’agyapade a, mpia wo yɔnko hye+ a wo nananom ato dedaw wɔ asaase no so no. Deuteronomium 27:17 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 17 “‘Nnome nka nea opia ne yɔnko hye kɔ akyi.’+ (Na ɔman no nyinaa bɛka sɛ, ‘Amen!’) Mmebusɛm 23:10 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 10 Mpiapia ɔhye a ɛwɔ hɔ fi tete no,+Na nnidi nkɔ agyanka afuw mu. Hosea 5:10 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 10 Yuda abirɛmpɔn te sɛ wɔn a wopiapia ɔhye.+ Mehwie m’abufuw agu wɔn so te sɛ nsu.
14 “Sɛ wunya kɔtena asaase a Yehowa wo Nyankopɔn de rema wo no so, na wo nsa ka w’agyapade a, mpia wo yɔnko hye+ a wo nananom ato dedaw wɔ asaase no so no.