Genesis 2:7 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 7 Yehowa Nyankopɔn de fam dɔte+ nwenee onipa na ohuw nkwa home guu ne hwene mu,+ na onipa no bɛyɛɛ ɔteasefo.*+ Yesaia 42:5 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 5 Yehowa ne nokware Nyankopɔn a ɔbɔɔ ɔsoro.Ɔno ne Opumpuni a ɔtwee mu.+Ɔno na ɔtrɛw asaase ne ɛso nneɛma mu.+Ɔde ahome ma nnipa a wɔte so,+Na ɔde honhom ma wɔn a wɔnam so no.+ Nea waka ni: Asomafo Nnwuma 17:25 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 25 Onhia nso sɛ nnipa de wɔn nsa som no, efisɛ biribiara nhia no.+ Nea enti a ɛte saa ne sɛ, ɔno na ɔma nnipa nyinaa nkwa ne ahome+ ne nneɛma nyinaa.
7 Yehowa Nyankopɔn de fam dɔte+ nwenee onipa na ohuw nkwa home guu ne hwene mu,+ na onipa no bɛyɛɛ ɔteasefo.*+
5 Yehowa ne nokware Nyankopɔn a ɔbɔɔ ɔsoro.Ɔno ne Opumpuni a ɔtwee mu.+Ɔno na ɔtrɛw asaase ne ɛso nneɛma mu.+Ɔde ahome ma nnipa a wɔte so,+Na ɔde honhom ma wɔn a wɔnam so no.+ Nea waka ni:
25 Onhia nso sɛ nnipa de wɔn nsa som no, efisɛ biribiara nhia no.+ Nea enti a ɛte saa ne sɛ, ɔno na ɔma nnipa nyinaa nkwa ne ahome+ ne nneɛma nyinaa.