Mmebusɛm 13:22 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 22 Onipa pa gyaw agyapade ma ne nananom,*Na ɔbɔnefo ahonyade de, wɔbɛkora so ama ɔtreneeni.+ Mmebusɛm 28:8 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 8 Nea ɔde nsiho+ ne apoobɔ nya ahonyade pii no,Ɔboaboa ano ma nea ohu ahiafo mmɔbɔ.+ Ɔsɛnkafo 2:26 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 26 Onipa a nokware Nyankopɔn no gye no tom no, ɔma no nyansa ne nimdeɛ ne anigye.+ Na ɔbɔnefo de, adwuma a ɔde ama no ara ne sɛ ɔmmoaboa nneɛma ano mfa mma onipa a nokware Nyankopɔn no gye no tom no.+ Eyi nso yɛ ahuhude, na ɛyɛ ɔbrɛgu.*
26 Onipa a nokware Nyankopɔn no gye no tom no, ɔma no nyansa ne nimdeɛ ne anigye.+ Na ɔbɔnefo de, adwuma a ɔde ama no ara ne sɛ ɔmmoaboa nneɛma ano mfa mma onipa a nokware Nyankopɔn no gye no tom no.+ Eyi nso yɛ ahuhude, na ɛyɛ ɔbrɛgu.*