18 Hwɛ! Onni gyidi biara wɔ n’asomfo mu,
Na n’abɔfo nso, onya wɔn ho mfomso.
19 Ɛnde wohwɛ a, wɔn a wɔtete dɔtedan mu,
Wɔn a wɔn fapem yɛ dɔte no,+ obebu wɔn dɛn?
Wɔyam wɔn ntɛm sen abubummabaa!
20 Wɔwɔ hɔ anɔpa, ebedu anwummere no, na wɔayam wɔn koraa;
Wɔyera korakora, na ɛmfa obiara ho.