26 Onipa a nokware Nyankopɔn no gye no tom no, ɔma no nyansa ne nimdeɛ ne anigye.+ Na ɔbɔnefo de, adwuma a ɔde ama no ara ne sɛ ɔmmoaboa nneɛma ano mfa mma onipa a nokware Nyankopɔn no gye no tom no.+ Eyi nso yɛ ahuhude, na ɛyɛ ɔbrɛgu.*
17 Na nokware Nyankopɔn no maa mmabun* baanan yi nyaa nkyerɛwee* ne nyansa nyinaa mu nimdeɛ ne nhumu; na ɔmaa Daniel nyaa anisoadehu ne adae nyinaa mu ntease.+
25 Saa bere no, Yesu kae sɛ: “Agya, ɔsoro ne asaase Wura, miyi wo ayɛ wɔ baguam, efisɛ wode eyinom asie anyansafo ne animdefo, na woayi no adi akyerɛ mmofra nkumaa.+